Jump to content

Nofoɔ mu kokoram

Ɛfi Wikipedia
Nufoɔ kokoran
class of disease, symptom or sign
subclass ofthoracic cancer, breast disease, breast neoplasm, Nyarewa Sesa
facet ofwomen's health Sesa
studied inbreast cancer research Sesa
health specialtyoncology Sesa
medical examinationMammaPrint Sesa
anatomical locationbreast Sesa
risk factorsmoking Sesa
handled, mitigated, or managed byBreast cancer management Sesa
ICPC 2 IDX76 Sesa
NCI Thesaurus IDC9335 Sesa
criterion usedtransforming growth factor Sesa

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nofoɔ mu kokoram yɛ kokoram yareɛ bi a yɛnya firi nofoɔ mu. Nsakraeɛ bi a nofoɔ mu kokoram tumi de ba no bi ne sɛ ɛsesa nofoɔ no su, nofoɔ no ho tumi totɔm, nsuo tumi firi nofoɔ nano, ɛma nofoɔ no ho yɛ kɔɔ, ɛsanso ma wo home so te, ɛtumi ma wo honam ani yɛ sɛ akokɔ sradeɛ ene deɛ ɛkeka ho bi. Nhwehwɛmu ama yɛanhunu sɛ mpɛn pii no wɔn a wɔtaa nya nofoɔ mu kokoram no, nsɛnkyerɛne a ɛkyerɛ sɛ wɔaya bi no ntaa nna ɛdi na sɛ wɔ pɛ sɛ wɔ nhunu a gyesɛ yayɛ wɔn "Breast cancer screening test".

Nneɛma Ɛde Nofoɔ Mu Kokoram Ba

[sesa]

Nneɛma ɛde nofoɔ mu kokoram ba no bi ne kɛseɛ, sɛ wo ntaa ntenetene wo mpɔmu a, wo pɛ nsa nom a, wo twa bra a, sɛ wonya yɛ wo bra ɛdi kan a, wowo wɔ wo mpanyin mfeɛ so a, anaa sɛ wanwo koraa a, mpanyinyɛ, sɛ wo anaa sɛ obi a ɔwɔ w'abusua mu anya bi pɛn a, wo tumi nya saa kokoram yareɛ yi. Nhwehwɛmu ama yɛanhunu sɛ nofoɔ mu kokoram a yenya firi yɛn abusua no yɛ bɛyɛ ɔha nkyemu nnum (5%). Nofoɔ mu kokoram gu mu ahodoɔ dunnwɔtwe. Yɛ twa baabia kokoram no atɔ wɔ nofoɔ no mu no, ne ho mfonyini na yɛayɛ nhwehwɛmu. Sɛ yɛnya yɛ nhwehwɛmu no wie a, yɛ sanso yɛ nhwehwɛmu hwɛ sɛ yareɛ no kɔ akyire wo nipadua no mu anaa, na yahwɛ ɛkwan pa a yɛbɛfa so asa ɔnii no yareɛ.

Nhwehwɛmu (screening)

[sesa]

Nofoɔ mu kokoram nhwehwɛmu (Breast cancer screening) ɛyɛ nhwehwɛmu a yɛyɛ wɔ mmaa wɔnnya nyaa nofoɔ mu kokoram no bi yɛ. Yei boa ma yahunu ɔkwan pa yɛbɛfa so asɔ yareɛ nano ntɛm. "Mammography " yɛ ɔkwan baako yanim paa sɛ yagye atom sɛ ɛno ne ɔkwan a yɛfaso hunu sɛ kokoram ayɛ obi. Saa kokoram ahodoɔ yi ɛtaa da wɔn ho ɛdi wɔ nofoɔ no mu. Aman ahodoɔ wɔn nkɔanim wɔ asetena mu no, nofoɔ mu kokoram nhwehwɛmu no ɛnyɛ nna nanso ehu akɔ atwee wɔ aman wɔn di hia so.

Nofoɔ Mu Kokoram Ho Asɛm Wɔ "Ghana "

[sesa]

Nofoɔ mu kokoram ɛnyɛ nna wɔ mmaa wɔn yɛ Ghanafoɔ mu. Wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) mu no, nipa a wɔnyaa nofoɔ mu kokoram no yɛ bɛyɛ 4400. Kokoram ahodoɔ a ɛwɔ "Ghana" no, nofoɔ mu kokoram na aterɛ paa. Kokoram a ne tebea mu yɛ den paa no na mmaa a wɔn dodoɔ yɛ ɔha nkyemu aduosɔn. Ɛnam sɛ "Mammography" boɔ wɔ soro na nipa bebree naa nya kwan mfa di dwuma ntsi ɔyɛne ne abɛbrɛsɛ na ɛba wɔn so. Obenfo Mayo ne afoforɔ ɛka ho bi (2003), ka sɛ ɛsansɛ wɔn mmɔ kokoram yareɛ ho dawuro nti na ɛdi mmaa pii na ɛkɔ saa tebea bɔne yi mu. Nofoɔ mu kokoram tumi yɛ mmarima so. Nofoɔ mu kokoram a ɛyɛ mmarima no tumi yɛ wɔn mfeɛ bia, nanso ne titire no ara yɛ wɔn a wɔadi firi mfeɛ aduosia kɔsi mfeɛ aduosɔn.

Ɔkwan a yɛfaso si ano

[sesa]

Mmaa bɛtumi esi nofoɔ kokoram yareɛ ano kwan sɛ wɔte wɔn keseɛ so a, te nsa dodoɔ a wɔnom so a, na wɔn taa ntenetene wɔ mpɔmu. Nhwehwɛmu ama yɛanhunu sɛ wo tenetene wo mpɔm a, ɛte nofoɔ mu kokoram so bɛyɛ ɔha nkyemu dunnan.

Haw a nofoɔ mu kokoram de ba

[sesa]

Mpɛn pii no haw a nofoɔ mu kokoram de ba no bebree no ara firi kwan yɛfaso sa wɔn yareɛ yi ayɛ wɔn no yareɛ na ɛnyɛ yareɛ no ankasa. Haw a ɛtumi de ba no bi yɛ mmereyɛ, wo honam ne wo tiri ho nwee bɛsesa, etwa, wuo ne bebree ɛkeka ho. Nofoɔ no yɛbea so tumi sesa.